Jeremiah 47

Nsɛm A Ɛfa Filistifo Ho

1Ansa na Farao bɛtow ahyɛ Gasa so no, eyi ne Awurade asɛm a ɛfa Filistifo ho a ɛbaa odiyifo Yeremia nkyɛn:

2Sɛɛ na Awurade se: “Monhwɛ sɛnea nsu rebobɔ ba wɔ atifi fam;
ɛbɛyɛ ɔhweam a abu afa so.
Ebebu afa asase no ne biribiara ɛwɔ so no so,
nkurow no ne nnipa a wɔtete mu.
Nnipa no bɛteɛteɛ mu;
wɔn a wɔte asase no so nyinaa betwa adwo

3 bere a wɔate apɔnkɔ a wotu mmirika no anan ase nnyigyei,
na wɔate atamfo no nteaseɛnam gyegyeegye
ne wɔn ntwahonan nnyigyei no.
Agyanom rentwa wɔn ani nhwɛ wɔn mma;
wɔn nsa bɛsensɛn wɔn ho kwa.

4 Na da no aba
sɛ wɔsɛe Filistifo no nyinaa
na wotwa wɔn a wɔaka no nyinaa gu,
wɔn a anka wotumi boa Tiro ne Sidon no.
Awurade rebɛsɛe Filistifo no,
nkae a wofi Kreta mpoano no.

5 Gasa bɛbɔ tikwaw bere a ɔretwa adwo;
wɔbɛma Askelon atɔ mum.
Mo nkae a mowɔ tataw so,
mobɛbobɔ mo ho akam akosi da bɛn?


6 “ ‘Aa, Awurade afoa,’
‘da bɛn na wobɛhome?
San kɔhyɛ wo boha mu;
gyae na da komm.’

7 Na ɛbɛyɛ dɛn na ada komm
bere a Awurade ahyɛ no
bere a wahyɛ no se
ɔnkɔtow nhyɛ Askelon ne mpoano asase no so?”
Copyright information for TwiAKNA